Add parallel Print Page Options

Nkasa ntia akwakoraa na mmom kɔka w’ahiasɛm kyerɛ no sɛ w’agya. Fa kronnyɛ ne mmabun ntena sɛ wo nnuammarima nkummaa, na fa mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammea wɔ kronnyɛ mu.

Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa ara no ni. Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne nananom ka efisɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de n’anidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa. Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso.

Na sɛ obi nhwɛ ne fifo ne titiriw no, ɔno ara n’abusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.

Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ waware prɛko pɛ, 10 na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Onyankopɔn nan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa yɛ.

11 Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho 12 na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan so. 13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi afi mu na nea enye koraa ne sɛ, wodi nseku yɛ pɛrepɛre ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. 15 Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.

16 Sɛ ɔbea gyidifo bi wɔ akunafo wɔ n’abusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.

Hwɛ a wɔhwɛ asɛmpakafo yiye

17 Mpanyimfo a wɔyɛ nnwuma pa sɛ akannifo no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho ma wɔn akatua abien; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. 18 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛfo akatua fata no!”

19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no gye sɛ adansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto w’anim. 20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim baguam na abɔ afoforo hu.

21 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu. 22 Sɛ ehia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu a, mpepere ho. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho na ma wo ho ntew.

23 Nnom nsu nko ara na mmom ɛyɛ wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom nsa kakra.

24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu; nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri yi. 25 Saa ara nso na nneyɛe pa yɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.

Widows, Elders and Slaves

Do not rebuke an older man(A) harshly,(B) but exhort him as if he were your father. Treat younger men(C) as brothers, older women as mothers, and younger women as sisters, with absolute purity.

Give proper recognition to those widows who are really in need.(D) But if a widow has children or grandchildren, these should learn first of all to put their religion into practice by caring for their own family and so repaying their parents and grandparents,(E) for this is pleasing to God.(F) The widow who is really in need(G) and left all alone puts her hope in God(H) and continues night and day to pray(I) and to ask God for help. But the widow who lives for pleasure is dead even while she lives.(J) Give the people these instructions,(K) so that no one may be open to blame. Anyone who does not provide for their relatives, and especially for their own household, has denied(L) the faith and is worse than an unbeliever.

No widow may be put on the list of widows unless she is over sixty, has been faithful to her husband, 10 and is well known for her good deeds,(M) such as bringing up children, showing hospitality,(N) washing the feet(O) of the Lord’s people, helping those in trouble(P) and devoting herself to all kinds of good deeds.

11 As for younger widows, do not put them on such a list. For when their sensual desires overcome their dedication to Christ, they want to marry. 12 Thus they bring judgment on themselves, because they have broken their first pledge. 13 Besides, they get into the habit of being idle and going about from house to house. And not only do they become idlers, but also busybodies(Q) who talk nonsense,(R) saying things they ought not to. 14 So I counsel younger widows to marry,(S) to have children, to manage their homes and to give the enemy no opportunity for slander.(T) 15 Some have in fact already turned away to follow Satan.(U)

16 If any woman who is a believer has widows in her care, she should continue to help them and not let the church be burdened with them, so that the church can help those widows who are really in need.(V)

17 The elders(W) who direct the affairs of the church well are worthy of double honor,(X) especially those whose work is preaching and teaching. 18 For Scripture says, “Do not muzzle an ox while it is treading out the grain,”[a](Y) and “The worker deserves his wages.”[b](Z) 19 Do not entertain an accusation against an elder(AA) unless it is brought by two or three witnesses.(AB) 20 But those elders who are sinning you are to reprove(AC) before everyone, so that the others may take warning.(AD) 21 I charge you, in the sight of God and Christ Jesus(AE) and the elect angels, to keep these instructions without partiality, and to do nothing out of favoritism.

22 Do not be hasty in the laying on of hands,(AF) and do not share in the sins of others.(AG) Keep yourself pure.(AH)

23 Stop drinking only water, and use a little wine(AI) because of your stomach and your frequent illnesses.

24 The sins of some are obvious, reaching the place of judgment ahead of them; the sins of others trail behind them. 25 In the same way, good deeds are obvious, and even those that are not obvious cannot remain hidden forever.

Footnotes

  1. 1 Timothy 5:18 Deut. 25:4
  2. 1 Timothy 5:18 Luke 10:7