Add parallel Print Page Options

Tɛkrɛma

Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo, efisɛ, munim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo de sɛ yɛfom a, wobebu yɛn atɛn a emu yɛ den sen afoforo. Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so. Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛnea obetie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. Anaasɛ dwen hyɛn ho: sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no nanso wotumi de kudɔɔ ketewaa bi na ɛdandan no ma ɛkɔ baabi a ɔhyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ.

Saa ara na tɛkrɛma te: ne ketewa yi nyinaa akyi, etumi hoahoa nneɛma akɛse. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi tumi hyew kwae kɛse. Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛyɛ wiase bi wɔ onipa akwaa mu a ɛyɛ bɔne. Ɛsɛe nipadua no na amanehunu huru to nipadua no nyinaa mu gya ma ɛdɛw framfram.

Onipa tumi dwudwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa nanso obiara rentumi nnwudwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduru ahyɛ no ma. Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. 10 Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. 11 Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba? 12 Me nuanom, akutu betumi asow paya dua aba? Anaasɛ bobe betumi asow akutu? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.

Nyansa a efi soro

13 Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so da no adi. 14 Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkominya wɔ mo koma mu a, ɛnne ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, nam so ka nkontompo tia nokware. 15 Saa nyansa yi mfi soro na ɛbae. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ hohommɔne nso. 16 Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkominya wɔ no, basabasa ne bɔne ahorow nyinaa bi wɔ hɔ.

17 Nanso nyansa a efi soro no yɛ kronn; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18 Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no.