Add parallel Print Page Options

19 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ Yesu; afei wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotɔre, kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”

Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwene ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”

Bere a asɔfo mpanyin ne awɛmfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛm se, “Bɔ no asɛnnua! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnuam, efisɛ, minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”

Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ owu, efisɛ, ɔkae se, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”

Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.

10 Pilato bisaa no se, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnuam!”

11 Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”

12 Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛm se, “Sɛ wugyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔbɛka se ɔyɛ ɔhene no, yɛ Kaesare tamfo!”

13 Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔkɔtenaa n’ahengua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Sɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.” 14 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no, Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!”

15 Ɛdɔm no nso teɛteɛɛm bio se, “Kum no! Kum no! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asɛnnuam anaa?” Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!” 16 Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnuam.

Wɔbɔ Yesu asɛnnuam

17 Enti wɔde Yesu a n’asɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ se, “Nitiriso” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.” 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnuam kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfinimfini. 19 Pilato kyerɛwee se, “YESU NASARETNI, YUDAFO HENE,” ma wɔde taree n’asɛnnua no atifi.

20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee.

21 Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkae se, mene Yudafo hene!’ “

22 Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”

23 Asraafo no bɔɔ Yesu asɛnnuam wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa ɔsraani biara faa mu baako ma ɛkaa n’atade nhyɛase. Na saa atade no yɛ atade bi a, wɔanwene fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee. 24 Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.” Ade a wɔyɛe yi sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Wɔkyekyɛɛ me ntade mu, bɔɔ so ntonto fae’ no bɛba mu. Nea asraafo no yɛe ne no.

25 Nnipa a na wogyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria, a ɔyɛ Klopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.”

27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.

Yesu wu

28 Saa bere no, Yesu hui sɛ afei de biribiara aba n’awiei, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.” 29 Wɔde sapɔw a etua hisope ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa n’ano.

30 Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiei no, osii ne ti ase na ogyaa mu.

31 Na ahosiesie da no adu a n’adekyee so wobedi Twam Afahyɛ no. Saa da no ara nso ɛyɛ Homeda. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so nti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no nan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asɛnnua no so. 32 Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnuam ho no nan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso nan. 33 Nanso woduu Yesu so no, wohui sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammubu ne nan bi. 34 Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fi ne mfe mu bae. 35 Onipa a ohuu nea esii yi no, na wadi ho adanse. N’adanse no yɛ nokware. Onim sɛ nea ɔka no yɛ nokware. Odi adanse sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. 36 , 37 Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” ne “Nnipa bɛhwɛ onipa a wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.

Wosie Yesu

38 Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoam no kɔsrɛɛ Pilato se ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee n’adesrɛ no so, ɛno nti, okoyii Yesu amu no. 39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de krobow ne aduhuam mfrafrae bɛyɛ nkaribo ɔha bae. 40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. 41 Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛwɔ baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no. 42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.

Jesus Sentenced to Be Crucified(A)

19 Then Pilate took Jesus and had him flogged.(B) The soldiers twisted together a crown of thorns and put it on his head. They clothed him in a purple robe and went up to him again and again, saying, “Hail, king of the Jews!”(C) And they slapped him in the face.(D)

Once more Pilate came out and said to the Jews gathered there, “Look, I am bringing him out(E) to you to let you know that I find no basis for a charge against him.”(F) When Jesus came out wearing the crown of thorns and the purple robe,(G) Pilate said to them, “Here is the man!”

As soon as the chief priests and their officials saw him, they shouted, “Crucify! Crucify!”

But Pilate answered, “You take him and crucify him.(H) As for me, I find no basis for a charge against him.”(I)

The Jewish leaders insisted, “We have a law, and according to that law he must die,(J) because he claimed to be the Son of God.”(K)

When Pilate heard this, he was even more afraid, and he went back inside the palace.(L) “Where do you come from?” he asked Jesus, but Jesus gave him no answer.(M) 10 “Do you refuse to speak to me?” Pilate said. “Don’t you realize I have power either to free you or to crucify you?”

11 Jesus answered, “You would have no power over me if it were not given to you from above.(N) Therefore the one who handed me over to you(O) is guilty of a greater sin.”

12 From then on, Pilate tried to set Jesus free, but the Jewish leaders kept shouting, “If you let this man go, you are no friend of Caesar. Anyone who claims to be a king(P) opposes Caesar.”

13 When Pilate heard this, he brought Jesus out and sat down on the judge’s seat(Q) at a place known as the Stone Pavement (which in Aramaic(R) is Gabbatha). 14 It was the day of Preparation(S) of the Passover; it was about noon.(T)

“Here is your king,”(U) Pilate said to the Jews.

15 But they shouted, “Take him away! Take him away! Crucify him!”

“Shall I crucify your king?” Pilate asked.

“We have no king but Caesar,” the chief priests answered.

16 Finally Pilate handed him over to them to be crucified.(V)

The Crucifixion of Jesus(W)

So the soldiers took charge of Jesus. 17 Carrying his own cross,(X) he went out to the place of the Skull(Y) (which in Aramaic(Z) is called Golgotha). 18 There they crucified him, and with him two others(AA)—one on each side and Jesus in the middle.

19 Pilate had a notice prepared and fastened to the cross. It read: jesus of nazareth,(AB) the king of the jews.(AC) 20 Many of the Jews read this sign, for the place where Jesus was crucified was near the city,(AD) and the sign was written in Aramaic, Latin and Greek. 21 The chief priests of the Jews protested to Pilate, “Do not write ‘The King of the Jews,’ but that this man claimed to be king of the Jews.”(AE)

22 Pilate answered, “What I have written, I have written.”

23 When the soldiers crucified Jesus, they took his clothes, dividing them into four shares, one for each of them, with the undergarment remaining. This garment was seamless, woven in one piece from top to bottom.

24 “Let’s not tear it,” they said to one another. “Let’s decide by lot who will get it.”

This happened that the scripture might be fulfilled(AF) that said,

“They divided my clothes among them
    and cast lots for my garment.”[a](AG)

So this is what the soldiers did.

25 Near the cross(AH) of Jesus stood his mother,(AI) his mother’s sister, Mary the wife of Clopas, and Mary Magdalene.(AJ) 26 When Jesus saw his mother(AK) there, and the disciple whom he loved(AL) standing nearby, he said to her, “Woman,[b] here is your son,” 27 and to the disciple, “Here is your mother.” From that time on, this disciple took her into his home.

The Death of Jesus(AM)

28 Later, knowing that everything had now been finished,(AN) and so that Scripture would be fulfilled,(AO) Jesus said, “I am thirsty.” 29 A jar of wine vinegar(AP) was there, so they soaked a sponge in it, put the sponge on a stalk of the hyssop plant, and lifted it to Jesus’ lips. 30 When he had received the drink, Jesus said, “It is finished.”(AQ) With that, he bowed his head and gave up his spirit.

31 Now it was the day of Preparation,(AR) and the next day was to be a special Sabbath. Because the Jewish leaders did not want the bodies left on the crosses(AS) during the Sabbath, they asked Pilate to have the legs broken and the bodies taken down. 32 The soldiers therefore came and broke the legs of the first man who had been crucified with Jesus, and then those of the other.(AT) 33 But when they came to Jesus and found that he was already dead, they did not break his legs. 34 Instead, one of the soldiers pierced(AU) Jesus’ side with a spear, bringing a sudden flow of blood and water.(AV) 35 The man who saw it(AW) has given testimony, and his testimony is true.(AX) He knows that he tells the truth, and he testifies so that you also may believe. 36 These things happened so that the scripture would be fulfilled:(AY) “Not one of his bones will be broken,”[c](AZ) 37 and, as another scripture says, “They will look on the one they have pierced.”[d](BA)

The Burial of Jesus(BB)

38 Later, Joseph of Arimathea asked Pilate for the body of Jesus. Now Joseph was a disciple of Jesus, but secretly because he feared the Jewish leaders.(BC) With Pilate’s permission, he came and took the body away. 39 He was accompanied by Nicodemus,(BD) the man who earlier had visited Jesus at night. Nicodemus brought a mixture of myrrh and aloes, about seventy-five pounds.[e] 40 Taking Jesus’ body, the two of them wrapped it, with the spices, in strips of linen.(BE) This was in accordance with Jewish burial customs.(BF) 41 At the place where Jesus was crucified, there was a garden, and in the garden a new tomb, in which no one had ever been laid. 42 Because it was the Jewish day of Preparation(BG) and since the tomb was nearby,(BH) they laid Jesus there.

Footnotes

  1. John 19:24 Psalm 22:18
  2. John 19:26 The Greek for Woman does not denote any disrespect.
  3. John 19:36 Exodus 12:46; Num. 9:12; Psalm 34:20
  4. John 19:37 Zech. 12:10
  5. John 19:39 Or about 34 kilograms