Add parallel Print Page Options

Yesu ma nsu dan nsa

Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu ne na kɔɔ saa ayeforohyia no bi. Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafo no nso kɔɔ hɔ bi. Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sae maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”

Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Mprempren de, merentumi nyɛ ho hwee, efisɛ, me bere nnya nnui ɛ.”

Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.”

Saa bere no na nsuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de dwira wɔn ho afahyɛ ase. Na asuhina biara tumi fa nsu nkotokyiwa aduonu anaa aduasa. Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, “Monhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsu hyɛɛ no ma ma. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”

Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu no a adan nsa a onnim baabi a efi a asomfo no de, na wonim no hwɛe no, ɔfrɛɛ ayeforokunu no, 10 ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔtow pon de nsa pa di kan ba wɔ n’apontow ase na akyiri yi, ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”

11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnee a edi kan a ɔyɛe wɔ baguam de kyerɛe sɛ ne tumi fi soro. Ɛmaa n’asuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no. 12 Ayeforohyia no akyi, ɔne ne na ne ne nuanom ne n’asuafo no kodii nna kakra wɔ Kapernaum.

Yesu kɔ asɔredan mu

13 Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu no nti, Yesu kɔɔ Yerusalem.

14 Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohui sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. 15 Yesu faa ntampehama, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gui maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. 16 Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Mommfa m’agya fi nnyɛ aguadibea!”

17 Asuafo no kaee sɛ, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwene ahyɛ me so.”

18 Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

19 Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”

20 Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?” 21 Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no ho mfataho. 22 Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.

23 Bere a Twam Afahyɛ no dui a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii. 24 Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ, na onim sɛnea nnipa suban te. 25 Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ, na onim nea ɛwɔ onipa mu.

Jesus Changes Water Into Wine

On the third day a wedding took place at Cana in Galilee.(A) Jesus’ mother(B) was there, and Jesus and his disciples had also been invited to the wedding. When the wine was gone, Jesus’ mother said to him, “They have no more wine.”

“Woman,[a](C) why do you involve me?”(D) Jesus replied. “My hour(E) has not yet come.”

His mother said to the servants, “Do whatever he tells you.”(F)

Nearby stood six stone water jars, the kind used by the Jews for ceremonial washing,(G) each holding from twenty to thirty gallons.[b]

Jesus said to the servants, “Fill the jars with water”; so they filled them to the brim.

Then he told them, “Now draw some out and take it to the master of the banquet.”

They did so, and the master of the banquet tasted the water that had been turned into wine.(H) He did not realize where it had come from, though the servants who had drawn the water knew. Then he called the bridegroom aside 10 and said, “Everyone brings out the choice wine first and then the cheaper wine after the guests have had too much to drink; but you have saved the best till now.”

11 What Jesus did here in Cana of Galilee was the first of the signs(I) through which he revealed his glory;(J) and his disciples believed in him.(K)

12 After this he went down to Capernaum(L) with his mother(M) and brothers(N) and his disciples. There they stayed for a few days.

Jesus Clears the Temple Courts(O)

13 When it was almost time for the Jewish Passover,(P) Jesus went up to Jerusalem.(Q) 14 In the temple courts he found people selling cattle, sheep and doves,(R) and others sitting at tables exchanging money.(S) 15 So he made a whip out of cords, and drove all from the temple courts, both sheep and cattle; he scattered the coins of the money changers and overturned their tables. 16 To those who sold doves he said, “Get these out of here! Stop turning my Father’s house(T) into a market!” 17 His disciples remembered that it is written: “Zeal for your house will consume me.”[c](U)

18 The Jews(V) then responded to him, “What sign(W) can you show us to prove your authority to do all this?”(X)

19 Jesus answered them, “Destroy this temple, and I will raise it again in three days.”(Y)

20 They replied, “It has taken forty-six years to build this temple, and you are going to raise it in three days?” 21 But the temple he had spoken of was his body.(Z) 22 After he was raised from the dead, his disciples recalled what he had said.(AA) Then they believed the scripture(AB) and the words that Jesus had spoken.

23 Now while he was in Jerusalem at the Passover Festival,(AC) many people saw the signs(AD) he was performing and believed(AE) in his name.[d] 24 But Jesus would not entrust himself to them, for he knew all people. 25 He did not need any testimony about mankind,(AF) for he knew what was in each person.(AG)

Footnotes

  1. John 2:4 The Greek for Woman does not denote any disrespect.
  2. John 2:6 Or from about 75 to about 115 liters
  3. John 2:17 Psalm 69:9
  4. John 2:23 Or in him