Add parallel Print Page Options

Yesu ho akyinnyegye

Eyi akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsan akɔ Yudea, efisɛ, na Yudafo no rehwehwɛ no akum no. Bere a Yudafo Asesebɔ Afahyɛ no reyɛ adu no, Yesu ne nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na w’akyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛ no. Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a, ɔmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.” Na n’akansa ne nuanom mpo nnye no nni.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnui ɛ; na mo de, bere biara ye ma mo. Mo de, nnipa tan mo a, ɛnyɛ ye nanso me de, wɔtan me a, ɛyɛ yie, efisɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn. Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no, na me de, minnya nkɔe, efisɛ, me bere nnui ɛ.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea.

10 Yesu ne nuanom kɔe akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhu no. 11 Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”

12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ, na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.” 13 Nanso Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi ankasa antia no wɔ guam.

Yesu kyerɛ ne tumi

14 Afahyɛ no mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. 15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ?”

16 Yesu bua wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi m’ankasa na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a, obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi m’ankasa. 18 Obiara a ɔde n’adwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu. 19 Mose amma mo mmara anaa? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”

20 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama hohommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”

21 Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a meyɛe nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi. 22 Esiane sɛ Mose ka kyerɛɛ mo se montwitwa mo mma twetia, twetiatwa no mpo ɛnyɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara no na ɛyɛ mo nenanom, nti mutwa twetia homeda. 23 Esiane sɛ mompɛ sɛ mubu Mose mmara so nti na mutwa twetia homeda a, adɛn nti na sɛ masa obi yare homeda a ɛsɛ sɛ mo bo fuw me?” 24 Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.

Yesu ne Agyenkwa no anaa?

25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no anaa? 26 Ɔno na ɔrekasa bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no. 27 Sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae, nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.” 28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwom sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo nanso munnim no; 29 na me de, minim no efisɛ, mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”

30 N’ano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ, na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.

31 Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii, na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a, obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no anaa?”

32 Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa asɔrefi awɛmfo bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra. 33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraabi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”

35 Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36 Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”

Nsu a ɛma nkwa

37 Afahyɛ no da a edi akyiri a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasae dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu. 38 Na kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛteɛ afi ne mu.’ “ 39 Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no, na onnya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn, efisɛ, na wonnya mmaa ne so nkɔɔ soro nhyɛɛ no anuonyam.

40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo no!” 41 Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no abefi Galilea? 42 Kyerɛwsɛm no anka se, saa Kristo no befi Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu anaa?” 43 Yesu nti, nnipa no mu kyekyɛe. 44 Ebinom pɛe sɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.

Yudafo mpanyin akyinnye

45 Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46 Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”

47 Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo anaa? 48 Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi anaa? 49 Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”

50 Saa bere no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51 Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee n’anom asɛm, nhuu nea wayɛ anaa?”

52 Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea anaa? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wobehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.” 53 Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.