Add parallel Print Page Options

Oguamanfo bi

17 Abɔfo baason no mu baako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso. Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman na asase so nnipa abobow wɔ n’aguaman nsa no mu.”

Honhom no faa me ma ɔbɔfo no de me kɔɔ sare so. Ɛhɔ na mihui ɔbea bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔakyerɛw nsɛmmɔne din agu ne ho nyinaa so. Na aboa no wɔ ti ason, ne mmɛn du. Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ , abo ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okita sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ.

Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se, “Babilon kɛse asase so aguamanfo ne akyide na.”

Na mihui sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu akyidifo a wokum wɔn no mogya abow no. Mihu no no, ɛyɛɛ me nwonwa.

Ɔbɔfo no bisaa me se, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwonwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛase a ɛwɔ ɔbea no ne aboa no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔte ne so no ho. Aboa a wuhuu no no, na ɔte ase nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no, sɛ wohu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Bere bi na ɔte ase, nanso mprempren ɔnte ase na ɔbɛsan aba.

“Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Ti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso 10 a wɔn mu baanum agu, na wɔn mu baako da so di hene, na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmae. Na sɛ ɔba a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn kakra. 11 Aboa no a anka na ɔte ase no na afei de ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔto so awotwe a ɔka baason a wodi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛe mu.

12 “Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no. 13 Wɔn nyinaa wɔ botae baako na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. 14 Wɔbɛko atia Oguammaa no na n’akyidifo, gyidifo a wɔafrɛ wɔn no ne no bedi wɔn so efisɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahene mu Hene.”

15 Ɔbɔfo no nso ka kyerɛɛ me se, “Nsu a wuhui a oguamanfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne kasa horow. 16 Mmɛn du ne aboa no a wuhui no bekyi oguamanfo no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagyaw. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahyew no. 17 Efisɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma. 18 Ɔbea a wuhuu no no yɛ kurow kɛse a edi asase so ahene no.”