Add parallel Print Page Options

Nkwa asubɔnten

22 Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kronnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua so a, ɛteɛ fa kurow no abɔnten mfinimfini. Asu no fa biara nkwa dua si hɔ a afe biara ɛsow aba mpɛn dumien na ɔbosom biara pɛnkoro. Ɛso ahaban no, na wɔde sa aman ahorow no yare.

Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua wɔ kurow no mu na n’asomfo bɛsom no. Wobehu n’anim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so. Ade rensa wɔ hɔ bio na akanea anaa hann ho nhia efisɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa.

Kristo ba

Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo somaa ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ n’asomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.” Yesu kae se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara. Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!”

Me, Yohane mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase som no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”

10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no asumasɛm, efisɛ, bere abɛn sɛ saa nhoma yi nyinaa ba mu. 11 Obiara a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo no nkɔ so nyɛ ɔdebɔneyɛfo, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ Kronkron no nkɔ so nyɛ Kronkron.”

12 Yesu se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara! Mede m’abasobɔde bɛbrɛ obiara sɛnea obiara dii ne dwuma.

13 Mene Alfa ne Omega, nea edi kan ne nea etwa to, mfitiase ne awiei. 14 Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade na efi, na wɔn a wɔwɔ ho kwan sɛ wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu.

15 “Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne aguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi no nyinaa wɔ. 16 Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no. 17 Honhom no ne ayeforoyere no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra; na nea ɔpɛ no nso ommegye nkwa nsu no kwa.”

Awiei

18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho. 19 Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no aba no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no mu no.

20 Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, “Nokware! Mereba nnansa yi ara!” Ɛnyɛ saa. Bra, Awurade Yesu!

21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.